16 hours ago
*2:* Na asase yɛ basabasa ne hunu, na esum wɔ ebunu ani. Na Nyankopɔn honhom butu nsuo no ani.
*3:* Na Onyankopɔn kaa sɛ: ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.
*4:* Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu.
*5:* Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no.
*6:* Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu.
*7:* Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa.
*8:* Na Onyankopɔn frɛɛ ewiem no ɔsoro. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu ne no.
*9:* Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo a ɛwɔ ɔsoro aseɛ no mmoaboa ano wɔ faako, na wɔnhunu asase pɛsɛɛ. Na ɛyɛɛ saa.
*10:* Na Onyankopɔn frɛɛ pɛsɛɛ no asase, na nsuo mmoano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.
*11:* Na Onyankopɔn kaa sɛ: Asase mfifiri nwura, mfudeɛ, nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa.
*12:* Na asase fifirii nwura ne nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.
*Gyenesis chapter 2:2,3,5,7*
*2:* Na da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie n'adwuma a ɔyɛeɛ no, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhome firii n'adwuma a ɔyɛeɛ nyinaa ho.
*3:* Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n'adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.
*5:* Na afuo mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuo mu nhahan nyinaa nnya mfifirii, ɛfiri sɛ na AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ nsuo nguu asase so, na na onipa a ɔbɛdɔ asase nni hɔ.
*7:* Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.